fatheroflove-ghana.com
Ɔtwerɛfoɔ Adrian Ebens
Deɛ Wɔatintim Obu 01, 2022
Nkratafa 48
Danlodu 210

Deɛ ɔwɔ Ɔba no wɔ nkwa. Dɛn nti na yei te saa? Efisɛ Onyankopɔn Ba no mu na Ɔba a ɔyɛ osetie ma N’agya koma a ɛho teɛ no te. Ɔyɛ saa nneɛma a ɛsɔ Agya no ani berɛ nyinaa. Ɔsan nso wɔ Agya no nhyira ne ɔdɔ a emu dɔ. Ɔba no koma gyina N’agya dɔ no mu pɛpɛɛpɛ.

Ɛyɛ Agya no nyansa sɛ ɔbɛkyɛ Ne Dɔba no Honhom akyerɛ amansan no; Honhom a ɛyɛ dɛ, Ɔdwoɔ na ɔyɛ osetie a ɔdɔ N’agya mmaransɛm. Kristo yɛ Onyankopɔn nyansa ne ɔdɔ abusuabɔ ahennie ahobammɔ.

Saa Honhom ɔdwoɔ yi sen firi Onyankopɔn ahennwa so fa nkwa dua no so. Satan poo Onyankopɔn Ba no ne ne Honhom a ɔdwoɔ no. Na ne Honhom atuatefoɔ no ne Onyankopɔn Ba no Honhom a ɔdwoɔ, ɔdwoɔ na ɔyɛ osetie no reko. Wɔde saa atuateɛ honhom yi maa adesamma abusua no. Wɔ Kristo afɔrebɔ no mu no, wɔde Honhom ɔdwoɔ yi ma yɛn bio. Ahintasɛm a ɛbɛma woanya saa Honhom yi ne sɛ wubehu nnipa ko a Agya ne Ɔba no yɛ – yei ne nkwa a enni awiei sɛ wubehu Agya no ne Ne Ba no na woanom ama nkwa nsuo asubura a ɛsen firi Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa so no.

Sɛ wo nkyerɛkyerɛmu dodoɔ Sekaane mfonini a ɛwɔ atifi hɔ no anaa kɔ fatheroflove.info

Clicky