Rekyerɛ Mmofra Ma W’ate Awurade Nyankopɔn Suban Ase (Preview)

Wɔde too dwa Ahini 26, 2022 by Kevin J. Mullins Mu God is Love

Dɛn Na Anka Kristo Yesu Bɛyɛ?

Sɛ woredwene Kristo Yesu suban ho a, nsɛmfua bɛn na ɛba w’adwene mu? Ayamye? Ɔdɔ? Fakyɛ? Na sɛ yɛka Abadaeɛ nso ɛ?

     Afei dwene nsɛmfua ahorɔ bi a yebetumi de akyerɛkyerɛ Awurade Nyankopɔn suban. So nsɛmfua a yɛaka dada no ne Kristo Yesu suban no sɛ anaa ɛbɔ abira? Wo susu sɛ ɛsono yɛn soro Agya no suban na ɛsono Kristo Yesu deɛ no anaa?

     Da koro bi Kristo Yesu nnamfo no mu baako bisaa no sɛ, ɔnkyerɛ wɔn sɛ deɛ Agya no teɛ. Na sei na Kristo Yesu kae:  

“Me ne mo wɔ hɔ dadadada yi munhuu me anaa, Filipo? Na deɛ wahu me no ahunu Agya no, na adɛn nti na wose kyerɛ yɛn Agya no”?...(Yohane 14:9).

 Eyi yɛ nokorɛ titiriw a Kristo Yesu aka akyerɛ yɛn. Nsonsonoeɛ nna yɛn soro Agya no ne Kristo Yesu  dwumadie mu. Nokwasɛm ne sɛ, sɛnti a Kristo Yesu baa wiase yi mu ne sɛ, ɔrebɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ Agya no adeyɛ teɛ.

“Me deɛ, mahyɛ wo animuonyam asase so; m’awie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no”…( Yohane 17:4).

     Sɛ Kristo Yesu ka sɛ wahyɛ N’agya animuonyam a, na ɛkyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ wakyerɛ yɛn sɛdeɛ Agya no nneyɛɛ teɛ . Ade biara ne asɛm biara a Kristo Yesu yɛeɛ na ɔkae no hyɛɛ Agya no Animuonyam. Hwɛ atwerɛdeɛ yi WWJD? Ne nkyerɛaseɛ ne sɛ, Dɛn Na Anka Kristo Yesu Bɛyɛ?

     Ɔdɔfoɔ, nnipa pii bisa asɛm korɔ no ara berɛ a ato sɛ wɔsi gyinaeɛ bi a ɛhia paa ara. Sɛ obi ne wo anni no yie a, dɛn na ɛwɔ sɛ wo yɛ? Ɛyi nti na nnipa pii bisa sɛ Anka Kristo Yesu a, Anka Ɔbɛyɛ Dɛn? Sɛ obi ne Kristo Yesu anni no yie a, sɛ ɔfoforɔ pira Kristo Yesu atenka mu a, so Kristo Yesu bɛkasa atia oniiko no anaa, obetwa oniiko no mpoa? Gyetum nso sɛ, mpɛn pii na afoforɔ ne Kristo Yesu anni no yie, nanso tebea yi nyinaa yi mu no, Kristo Yesu daa ɔdɔ atenka ne ɔdwoɔ adi kyerɛ nnipa yinom nyinaa. Hwɛ abasɛm a edidisoɔ yi nso:

 

Dɔ W’atamfoɔ

     Na asɔre mpanyinfoɔ pii wɔ hɔ a na wɔmpɛ anaa wɔn ani ngye Kristo Yesu nkyerɛkyerɛ a na ɔde rema nkorɔfoɔ no ho. Na wɔn bo now so koraa, ne sɛ nkorɔfoɔ pii kɔ Kristo Yesu nkyɛn kɔ pɛ mmuaeɛ ma wɔn nsɛmmisa a ɛfa Awurade Nyankopɔn ne ne suban ho. Saa mpanyinfoɔ anaa Akannifoɔ yi pɛɛ sɛ nkorɔfoɔ kuo yi bɛba wɔn nkyɛn abɛpɛ mmuaeɛ ama wɔn nsɛmmisa no. Nti wɔpɛɛ kwan bi a wɔbɛ fa so ayi Kristo Yesu afiri hɔ. Wɔpam Kristo Yesu tiriso sɛ wɔbɛma wakyere no.

     Anadwo bi, berɛ a na Kristo Yesu ne ne nnamfonom tete hɔ no, saa Akannifoɔ yi binom ne Romanfoɔ asraafoɔ binom bae befaa Kristo Yesu kɔeɛ. Ne nnamfonom mu baako a ɔfrɛ no Petro bofui , na ɔfaa nkrantɛ anaa afoa na ɔtwaa mmarima yi mu baako aso  oh!. Wo susuu sɛ ɛdeɛn na Kristo Yesu bɛka akyerɛ Petro? So ɔbɛka sɛ mo wayɛ adeɛ? So Kristo Yesu anigyee sɛ n’adamfo no pɛɛ sɛ ɔboa no saa kwan yi so? Daabida! N’ani angye! Barima a ɔtwaa n’aso no din de Malko. Kristo Yesu huu sɛ Malko apira no, na ne werɛ ahoɔ no, ɔfaa aso no de taree na ɔsaa ne pira kuro no. Kristo Yesu maa Malko aso foforɔ. Yɛn nkenkan abasɛm yi mfiri twerɛsɛm no mu.

“…Na wɔn a wɔwɔ ne ho no huu deɛ ɛrebɛba no, wɔbisaa no sɛ: Awurade yɛmmobɔ wɔn nkrantɛ anaa? Na Petro twee nkrantɛ na ɔde bɔɔ Malko, ɔsɔfo panyin no akoa na ɔtwaa n’aso nifa. Ɛnna Kristo Yesu see Petro sɛ: Momma ɛnso ha ara. Fa nkrantɛ no hyɛ boha mu! Na afei ɔsɔɔ akoa no aso na ɔsaa ne pira kuro no…”. (Luka 22:49-51; Yohane 18:10).

     Anikasem! Mpo berɛ a, saa nnipa yi bɛkyere no no, Kristo Yesu daa ayamye adi kyerɛɛ wɔn. Malko pɛɛ sɛ ɔde Kristo Yesu fa yaw mu, nanso Kristo Yesu saa ne pira kuro no, na ɔboaa no.

Sɛ obi ne w’adamfo anni no yie a, dɛn na wobɛyɛ?

Dɛn adeɛ na wosusu sɛ anka ɛwɔ sɛ anka Petro yɛ?

Asomdwoe anamɔn bɛn na anka ɛwɔ sɛ Petro tu?

     Kristo Yesu nim sɛ yɛn su teɛ no, ɛnni kwan sɛ ɔde papa bɛtua obi a ɔne wo anni no yie no ka. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛserɛ Kristo Yesu hɔ mmoa. Sɛ obi ne wo anni no yie a, bɔ mpaeɛ sɛ Kristo Yesu mmra  akoma no mu na ɔma wo ne su no bi na watumi ne wɔn a wɔne wo anni no yie no adi no yie. Kenkan nyitohɔsɛm yi yie:

“ Moate sɛ wɔkaa sɛ: dɔ wo yɔnko na tane wo tamfoɔ? Matteo 5:43.

Eii ! Twɛn sima. W’ate sɛ nkorɔfoɔ reka saa asɛm yi pɛn? Worente nanso saa na wɔn mu pii nneyɛe teɛ. Ɛyɛ mmerɛ sɛ wobɛdɔ wo nnamfonom nanso ɛyɛ den sɛ wobɛdɔ wɔn a wɔtane woɔ. Na wɔn a wɔpira yɛn wɔ atenka mu no ɛyɛ den sɛ yɛbɛdɔ wɔn. Susu ho sɛ, obi a wɔde wo afa yaw mu pɛn no, ebia oniiko no sere wo, di wo ho fɛw anaa kwan foforɔ so.

     Toa so kenkan hunu deɛ Kristo Yesu ka faa kwan a yɛ ne wɔn a wɔne yɛn di no nwono so bɛfa so.

 “Na me deɛ, mese no sɛ , monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo no. Na moayɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma”.. (Mateo 5:44-45).

     So ɛnyɛ nwanwa? Sɛ Kristo Yesu reka akyerɛ yɛn sɛ yɛnnɔ yɛn atamfoɔ na yɛn mmɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa yɛn. Ɛwom sɛ wɔtaa yɛn deɛ, nanso ɛtwa sɛ yɛ dɔ wɔn, mfa ho ne deɛ wɔreka fa yɛn ho anaa deɛ wɔ yɛ yɛn.

     Adɛn koraa na ɛtwa sɛ yɛ bɔ mpaeɛ ma wɔn? Obi bɛbua sɛ, atamfoɔ a wɔtane yɛn no, ɛnyɛ wɔn na  wɔhia mmoa. Asɛm bisa kɛseɛ paa ara. Akɔyɛ sɛ wɔn a wɔkyiri yɛn na wɔtane yɛn no, na wodi yɛn ho fɛw no, nyɛ wɔn na wɔhia mmoa. Nanso dwene ɔkwan bi so no, sɛ obi sere wo a, ɛsiane sɛ mfomsoɔ bi a wayɛ a, deɛ ɛwɔ sɛ woyɛ ne sɛ, wobɛdane wo ho na w’akɔ. Ne papa mu no, ne wɔn mmom nsere, sɛ wɔhunu sɛ ɛmfa wo ho anaa ɛnhaw sɛ wɔresere wo a, ɔbɛgyae atweetwee no. Abayewa anaa Abarimaa anaa bi a ɔdi wo ho fɛw no, ɛyɛ den ma wo sɛ wo ne no bedi no yie. Ɛbia, saafoɔ yi a wɔtaa yɛn no, wɔmpɛ sɛ wɔte wɔn anim ma yɛn, beaeɛ a wɔte no, ɛsiane sɛ, saa suban no na atwa wɔn ho ahyia nti, ama wɔn nso saa na wɔn su teɛ. Ɛno nti na ɛtwa sɛ yɛ bɔ mpaeɛ srɛ ɔsoro mmoa de ma wɔn. Mpɛn dodoɔ a wɔn ne yɛn nni no yie no, mpɛn dodoɔ no ara na wɔhia Kristo Yesu hɔ mmoa wɔ mpaebɔ mu. Aane, bɔ mpaeɛ ma wɔn. Bɔ mpaeɛ ma wɔn firi sɛ wodɔ wɔn na wodwene wɔn ho sɛdeɛ yɛn soro Agya dɔ wo no na n’ani ku wo ho no.

Wonim sɛ, kwan pa ara a wobɛtumi adi w’atamfoɔ soɔ ne sɛ wode wɔn bɛyɛ wo nnamfonom?

     So Kristo Yesu dɔɔ wɔn a wɔtaa no no anaa? Aane! So ɔbɔɔ mpaeɛ maa wɔn anaa? Aane! Berɛ a asraafoɔ no bɛkyeree no no, wɔseree no, ɔtee ntasuo guu ne so, mpo ɔbɔɔ  no asɛndua mu. So Kristo Yesu bɔɔ mpaeɛ maa wɔn anaa? Aane! Wɔbɔɔ mpaeɛ maa wɔn.

“wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ nitireso no, ɛhɔ na wɔsɛnee no. Na Yesu Kristo bɔɔ mpaeɛ sɛ, Agya fakyɛ wɔn na wɔnnim deɛ  wɔreyɛ”… (Luka 23:33-34).

     Na aka donhwere kakraa bi na Kristo Yesu agyae ne home mu (na wawu) nanso ɔsrɛɛ anaa ɔbɔɔ mpaeɛ maa wɔn a wɔtaa no no. Na ɔnim pefee sɛ saa nkurɔfoɔ yi hia ɔsoro mmoa nti ɔsrɛɛ ɔsoro mmoa de maa wɔn. Na Kristo Yesu nim sɛ n’agya bɛnyane no afiri awufoɔ mu. Kristo Yesu twere n’agya yie. Na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛdeɛ adasa nso bɛtwere Agya no. Hyɛ no nso yie sɛ, wɔn a na wɔretaa Kristo Yesu no, na ɔnnɔ Kristo Yesu ne N’agya no. Na wɔmpɛ Kristo Yesu asɛnka no. Kristo Yesu werɛhoe maa wɔn. Na ɔnim pefee sɛ ne soro Agya no de saafoɔ yi nyinaa mfomsoɔ akyɛ wɔn mpo wɔn a wɔtaa no no. Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ wɔbɛgye Awurade Nyankopɔn hɔ fafiri na wanya anigyeɛ a ɔsoro Agya no de ma ne mma no ho sua hunu. Ɔsoro Agya dɔ yɛn mfa ho ne mfomsoɔ ne bɔne a yɛayɛ. Sɛ bɔne ba w’akwan mu na wo werɛho a, kae asɛm a yɛn soro Agya no aka.   

 “...Awurade ama mahu no akyirikyiri. Na daa dɔ na mede madɔ woɔ, enti na matwe wo adɔeɛ soɔ”..(Yeremia 31: 3).

     Ɔdɔ a Awurade Nyankopɔn dɔ yɛn no yɛ daa dɔ. De kyerɛ sɛ, ɛtoɔ ntwa da. Mma wo werɛ mfiri ɛpɔ a Kristo Yesu bɔeɛ wɔ kratafa du (10) no mu. Ɔse, sɛ yɛdɔ yɛn atamfoɔ na yɛbɔ mpaeɛ ma wɔn a, na yɛn nneyɛe no ayɛ sɛ yɛn soro Agya no. Yɛhunu no pefee sɛ, yɛn soro Agya dɔ n’atamfoɔ. Ɔda so dɔ wɔn a wɔtane no no, Kristo Yesu toa so kaa sɛ:

“Na sɛ Moyɛ wɔn a wɔyɛ mo yie no yie a, aseda bɛn na mowɔ? Na nnebɔneyɛfoɔ nso yɛ saa ara. Na monnɔ mo atamfoɔ, na monyɛ yie na momfɛm wɔ deɛ ani nni biribi soɔ, na mo akatua ayɛ beberee, na moayɛ deɛ ɔwɔ soro no mma ɛfiri sɛ ɔno deɛ ɔyɛ ma bonniayɛfoɔ ne nnipa bɔne. Enti monyɛ ntimmɔborɔ sɛdeɛ mo Agya nso yɛ ntimmɔborɔ no”. (Luka 6:33,35-36).

     Hyɛ deɛ Kristo Yesu reka aha yi nso. Ɔse Awurade Nyankopɔn da ayamye kyerɛ nnipa berɛ nyinaa mpo wɔn a wɔkyiri no na ɔne Awurade Nyankopɔn nni no yie no.

     Meyi mpaeɛ sɛ, wobɛte Onyankopɔn suban ase yie kyɛn kane no.

     Nnipa beberee wɔ adwene kyeaeɛ anaa nka nokorɛ asɛm mfa Awurade Nyankopɔn suban ho. Binom mpo ka sɛ, Awurade Nyankopɔn twee asoɔdenfoɔ aso na ɔmfa bɔne nnkyɛ. Saa nkyerɛkyerɛ ne adwekyeaeɛ yi ama binom suro Awurade Nyankopɔn. Wɔdwene sɛ ɔbɛku wɔn wɔ wɔn mfomsoɔ ho. Afei yɛasua ahu sɛ, ne daa dom, ɔdɔ, ayamye, abadaeɛ ne ayamhyehyeɛ wɔ hɔ ma wɔn a wɔn suro no na wobu no animtia.

     Wobɛkae obi a wataa wo pɛn?

     Ansa na wobɛkan kratafa a edi soɔ no, kɔ wo nkotodwe anim na srɛ ma oniiko no. Sɔhwɛ!

 

Awurade Nyankopɔn Yɛ Ɔdɔ

Kristo Yesu nnamfonom mu baako a ɔfrɛ no Yohane ɔnim Kristo Yesu yie paa ara. Na ɔtee nsɛm a ɔreka fa ne soro Agya no ho. Yohane twerɛɛ eyi faa Onyankopɔn ho sɛ:

“Adɔfoɔ momma yɛnnodɔ yɛn ho na ɔdɔ firi Nyankopɔn, na obiara a ɔdɔ no, Onyankopɔn na woawo no, na ɔnim Onyankopɔn”… (1 Yohane 4:7-8)

     Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. Ɔdɔ kann firi Onyankoropɔn, sɛ yɛpɛ sɛ yɛdɔ afoforɔ wɔ kwan pa so a, ɛtwa sɛ yɛ ma Awurade Nyankopɔn bɛtena yɛn mu. Ɔnam Honhom no so bɛtena yɛn mu. Sɛ yɛma kwan ma Honhom kronkron a ɔyɛ ɔdɔ no bɛtena yɛ mu a, yɛn bra bɛyɛ sɛ deɛ ɛteɛ. Yɛbɛdɔ afoforɔ sɛ deɛ ɔdɔ afoforoɔ ne yɛn nyinaa.

So wo kae wɔ kratafa nisa (6) no mu a Kristo Yesu kae sɛ woawie adwuma a n’agya somaa no sɛ ɔmmɛyɛ no? Wo kae adwuma ko? Nokware! Ɔhyɛɛ n’agya animuonyam sɛ. Sɛ yɛkenkan Kristo Yesu ayamye adeɛ a ɔyɔeɛ nyinaa a, ɛwɔ sɛ yɛ kae sɛ, ɔreboa yɛn ama yɛate Agya a ɔwɔ soro adeyɛ no ase sɛ ɛteɛ. Nnwom nwoma no ka sɛ:

 “Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyma na ewiem kyerɛ ne nsa ano adwuma”…(Nnwom 19:1).

     “Paulo twerɛɛ sɛ ; ɛwom sɛ yɛnhunu Onyankopɔn deɛ, na efiri wiase bɔ so teteete na n’adeɛ a wɔnhunu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nnoɔma a ɔyɛeɛ no ho, enti na wɔnni anoyie biara”.. (Rom 1:20).

     Anikasem ne sɛ! Nyɛ nnipa nko, na mmom, ɔsrane, nsoromma, awia, nnua, mmoa nyinaa mpo ɛtwa sɛ ɔda Agya no suban adi. Home denden, yɛ home mframa pa a yɛfrɛ no Ɔsegyen “Oxygen” kɔ yɛn mu. Na yɛahome mframa a yɛfrɛ no Kabon daeɔsade “Carbon dioxide” aba abɔnten. Nti nnipa home Ɔsegyen “ Oxygen” kɔ yɛn mu. Nnua na ɛde Ɔsegyen “ Oxygen” ma yɛn nnipa. Na nnipa nso ama nnua Kabon daeɔsade “Carbon dioxide” sei na Awurade Nyankopɔn abɔdeɛ nyinaa kyerɛ yɛn, yɛn soro Agya no suban. Ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Agya Dɔfoɔ berɛ biara, ɔma yɛn deɛ ɛhia yɛn. Ɛyi nyɛ awerɛkyekyerɛ?

     Saa ɔmma nsususoɔ yi wɔ Awurade Nyankopɔn adebɔ mu no, yɛfrɛ no mmara. Ɛyɛ nkwa mmara ne ɔdɔ. Wamfa ne mmara no ama yɛn sɛ ɛnhyɛ yɛn so, na mmom, ɛkyerɛ yɛn deɛ ɔpɛ. Ne mmara no wɔ hɔ sɛ ɛbɛbɔ yɛn ho ban. Esiane sɛ ɔdɔ yɛn. Awurade Nyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn. Na ɔno nkutoo na ɔnim deɛ ɛyɛ ma yɛn. Sɛ yɛ gyae yɛn home mu a, Nyame mmara no so bebu na ɛbɛba na wieɛ, na yɛbɛ wuwu . Mmara toɔ na ama owuo aba yɛn so nti nyɛ owuo na Awurade Nyankopɔn de twe ne mma aso. Ɛnyɛ saa na Awurade Nyankopɔn yɛ n’adwuma. Nhwɛsoɔ bi te sɛ, Fa no sɛ, wo ne wo nnamfonom bi redi agorɔ wɔ wo fie. Da a wiem yɛ hye kakra nti wo maame sɔɔ bɔmframa “fan”. Wo ka kyerɛɛ wo nnamfonom sɛ wɔmmfa wɔn nsa nnhyɛ bɔmframa no tokuro no mu nyɛ saa a wɔbɛ pira. Dɛn nti na wokyerɛɛ wo nnamfonom saa nsɛm yi? Nyinasoɔ mienu paw deɛ ɛyɛ.

  1. Wokyerɛ wo nnamfonom sɛ efi hɔ yɛ wo dea nti wɔyɛɛ saa wobe pira wɔn.
  2. Wokyerɛ wo nnamfonom sɛ wo dɔ wɔn na wo mpɛ sɛ bɔmframa no bɛpira wɔn.

     Megyedi yie sɛ wo paw nnyinasoɔ fa a ɛtɔ so mmienu 2 no. Sɛ yɛto Awurade Nyankopɔn mmara a ɛno ne bɔne. Yohane kyerɛ yɛn sɛ.. Bɔne ne Awurade Nyankopɔn mmaratoɔ . (1 Yohane3:4). Bɔne ne sɛ yɛ paw pɛsɛmenkomenya, na pɛsɛmenkomenya ne sɛ yɛretwe yɛn ho afiri Awurade Nyankopɔn botaeɛ no ne ne nhyehyɛe (Abadaeɛ nhyehyɛe) fa ma yɛabrabɔ. Sɛ w’adamfo no antie wo na ɔde ne nsa hyɛ  bɔmframa no mu a, wo susuu sɛ dɛn na ɛbesi? Wɔbɛ pira. Na sɛ ɔpira a, ɛyɛ wo na wopiraa no? Anaa sɛ bɔmframa no na apira no? Sɛɛ na bɔne teɛ. Sɛ yɛantie Onyankopɔn ahyɛdeɛ a, yɛ pira yɛn ho.

     Ɛnyɛ Awurade Nyankopɔn na apira yɛn anaa aku yɛn. Kae sɛ Awurade Nyankopɔn yɛ ɔdɔ. Awurade Nyankopɔn mmara kyerɛ yɛn ne suban. Na ɛsiane nso bɔ yɛn kɔkɔ wɔ bɔne ho.

 Paulo twerɛ faa Awurade Nyankopɔn mmara ho sɛ.

“ Ɔdɔ nyɛ yɔnkoɔ bɔne enti ɔdɔ ne mmara so die..” (Rom 18:10).

Sɛ yɛtena sɛ deɛ Awurade Nyankopɔn ɛhyɛ yɛn no a, yɛn ne afoforɔ bɛtena yie.Yɛmmma afoforɔ nni yaw mpo sɛ wɔde yɛn fa kwan bɔne so mpo a, yɛbɛdɔ wɔn sɛdeɛ Awurade Nyankopɔn dɔ wɔn no.

 Dakoro bi, obi baa Kristo Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “mmara asɛm a edi kan ne deɛ ɛwɔ he”? (Marko 12:28).

Wosusuu sɛ, Awurade Nyankopɔn mmara nsɛm no mu, mmara titire paa ara ne deɛ ɛwɔ he? Nokwasɛm sɛɛ na Kristo Yesu maa yɛn mmuaeɛ. Na ɔkaa sɛ;

“Dɔ Awurade Nyankopɔn firi w’akoman nyinaa mu, wo kra nyinaa mu, w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu. Na deɛ ɛtɔ so mmienu ne sɛ “ Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho ..” (Marko 12:30-31).

     Ɛkyerɛ sɛ ahyɛdeɛ titire a Awurade Nyankopɔn de ama yɛn ne sɛ, yɛnnɔ no a biribiara ntete yɛn ne ne dɔ mu. Deɛ ɛtɔ so mmienu ne sɛ, yɛnnɔ afoforɔ sɛ deɛ yɛ dɔ yɛn ho no. Obiara mpɛ sɛ biribi bɔne bɛto no, ɛnte saa? Aane!. Ɛno nti ɛnni ho kwan sɛ yɛde bɔne di afoforɔ anaa sɛ yesusu bɔne de ma wɔn. Dɛn nti na wodwene sɛ ahyɛdeɛ no mu deɛ ɛdi kan ne sɛ wobɛdɔ Awurade Nyankopɔn. So Awurade Nyankopɔn reyɛ pɛsɛmenkomenya anaa? Daabida! Mmuaeɛ no wɔ sɛneɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛɛ Awurade Nyankopɔn. Yɛda ɔdɔ kyerɛ no na wɔahyira yɛn. Sɛ yɛyɛ saa ara a, ɔbɛtena yɛn mu na wama yɛn tumi ma yeatumi adɔ afoforɔ wɔ kwan pa so. Saa tumi a Awurade Nyankopɔn de ma, ma yetumi dɔ afoforɔ kwan pa so no ɔfrɛ no, AWURADE NYANKOPƆN ADOM. Na adom no ma yɛn ahoɔden ma yɛde yɛ osetie ma ne mmara no. (Rom 1:5, Toto 2:11-12). Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn adom a, anka obiara rentumi nhome. Abaduaba hia batele “battery” ansa na watumi anante, saa ara nso na Onyankopɔn yɛ yɛn batele “battery” wɔ yɛadeɛ nyinaa mu. Yehia Awurade Nyankopɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛntumi anante, adwene, akasa, ate asɛm, ate hwa, na yɛahunu adeɛ.

 Saa kwan yi so na Kristo Yesu bɔ ne bra. Ɔkaa sɛ,

 “ M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa, na obi nnim deɛ ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim deɛ Agya no yɛ….” (Luka 10: 22).

     Kristo Yesu tumi yɛɛ anwanwadeɛ a ɔyɛɛ no nyinaa esiane sɛ ɔmaa Agya no tenaa ne mu. Ɔgyee Agya no adom too mu na ɛno yɛɛ ne batele “battery” na ɛkyerɛɛ no kwan. (Luka 2:40).

Kristo Yesu sɛ: “… Nsɛm a meka no mfiri me ara na mmom M’Agya a ɔte me mu na ɔyɛ adwuma me mu no a”…(Yohane 14:10).

Ade biara a Kristo Yesu yɔeɛ no firi Agya no. Ne saa nti na Kristo Yesu ka kyerɛɛ Filipo sɛ “.. Deɛ wahu me no, ahu Agya no..”(Yohane 14:9). So Kristo Yesu yɛɛ biribi tiaa obi? Daabida! Adɛn? Ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn nyɛ bibiara ntia ɔkra biara anaa Adasa. So Kristo Yesu yɛɛ  biribi tiaa afoforɔ atinka? Daabida! Adɛn? Ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn renyɛ biribiara mmfa ntia obiara atenka. So Kristo Yesu boaa afoforɔ na ɔsaa afoforɔ yareɛ? Aane! Adɛn? Ɛsiane sɛ Onyankopɔn boa na ɔsa afoforɔ anaa Adasa yareɛ.

     W’ayare pɛn? Ebia mpapun anaa yafunu keka? So wo Maame anaa wo Papa boo wo sɛ wo yare anaa? So wɔn twee w’aso ? Daabida! Wɔ yɛɛ dɛn? Wɔboa wo ma wo ho tɔɔ wo! Ampara. Ebia, wɔtɔɔ aduro maa wo sɛ deɛ wo ho bɛtɔ wo bio. Dwene sɛ bɔne te sɛ yareɛ a, so w’agya a ɔwɔ soro bɛbo wo? So ɔbɛtwe w’aso sɛ woyare anaa? Daabida! Ɔbɛboa wo ama wo ho atɔ wo afiri bɔne mu. Ɔmpɛsɛ sɛ ɔbɛhwere wo. Na mmom ɔpɛ sɛ wo ho tɔ wo. Nti ɔbɛboa wo ama wo aduro a wode bɛfiri bɔne mu. Aduro a Onyankopɔn de ma yɛn na yetumi de yɛn ho firi bɔne mu ne ne Ba Kristo Yesu. Nokware, Kristo Yesu ne Awurade Nyankopɔn aduro ma yɛn wɔ yɛn bɔne mu. Sɛdeɛ yɛnom aduro na ɛkɔ nnipadua no mu no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛnya Kristo Yesu wɔ nnipadua no mu. Kristo Yesu betumi atu bɔne a ɛte yɛn mu no ase. Bɔne no a ɛma yɛ yare no Kristo Yesu betumi atu aseɛ. Yɛn ho rentumi ntɔ yɛn sɛ Kristo Yesu nka ho a. Kristo Yesu aka akyerɛ yɛn sɛ…”Sɛ menka mo ho a merentumi nyɛ biribi..” (Yohane 15:5). Na kae sɛ, adwuma a Kristo Yesu reyɛ no yɛ adwuma a Agya no nam Kristo Yesu so reyɛ. Nti, aduro a ɛbɛma yɛn ho atɔ yɛn no yɛ adwuma a Agya no nam Kristo Yesu so reyɛ wɔ yɛn mu. Sɛ bɔne firi yɛn so a, yɛhyɛ aseɛ bɔ bra sɛ yɛn Agya no pɛpɛɛpɛ. Yɛbɛ dwo, Yɛbɛdɔ, na yɛbɛyɛ ayamyefoɔ ama afoforɔ efiri sɛ Awurade Nyankopɔn dwo, ɔdɔ na ɔyɛ ayamye.


https://fatheroflove-ghana.com/book/view/COG-Ghana